11 Afei Yuda ka kyerɛɛ n’ase Tamar sɛ: “Kodi kuna wɔ wo papa fie kosi sɛ me ba Sela benyin.”+ Nanso ɔkae wɔ ne tirim sɛ: “Anhwɛ a ɔno nso bewu sɛ ne nuanom.”+ Enti Tamar kɔtenaa ne papa fie.+
5 “Sɛ anuanom bi wɔ hɔ na biako wu bere a onni ba a, ɛnsɛ sɛ nea wawu no yere kɔware abɔntensoni. Mmom ne kunu nua no nkɔ ne ho na ɔnware no na ɔnyɛ okunu nua asɛde.+