7 Mifi Padan+ reba no, Rahel wu+ too me so wɔ kwan so wɔ Kanaan asase so. Ná baabi a yɛadu no ne Efrata+ ntam twe kakra, enti misiee no Efrata, anaa Betlehem,+ kwan so.”
12 Dawid yɛ Efratani+ bi a ofi Yuda kurow Betlehem mu a ne din de Yese no ba. Ná ɔwɔ mmabarima baawɔtwe.+ Saul nna no mu no, na ɔbarima no abɔ akora dedaw.