14 Ɛnna mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ mubewu de, anka yɛde yɛn kra betwa so!+ Na sɛ moammɔ asɛm yi so na Yehowa de asase yi ma yɛn a, yɛn nso yɛbɛyɛ mo adɔe na yɛadi mo nokware.”+
8 Ɛnna Naomi ka kyerɛɛ ne sewnom baanu no sɛ: “Monsan, obiara nkɔ ne maame fie. Yehowa ne mo nni no adɔe so,+ sɛnea mo ne mmarima a wɔawu no ne me adi no adɔe so no.+