25 Na Danfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛmpɛ sɛ yɛbɛte wo nne wɔ yɛn mu, anyɛ saa a, mmarima a wɔn bo afuw+ yi bɛtow ahyɛ mo so, na wo ne wo fiefo nyinaa bɛhwere mo kra.”
15 Amradofo a wodii m’anim no de, wɔde nnesoa a emu yɛ duru soaa ɔman no, na wogyee dwetɛ nnwetɛbona aduanan da biara da de tɔɔ aduan ne nsã. Wɔn asomfo nso hyɛɛ ɔman no so.+ Nanso me de, Onyankopɔn a misuro no+ nti, mamfa saa kwan no so.+