2 Nanso Saul ba Yonatan de, na ɔpɛ Dawid asɛm yiye.+ Enti Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Me papa Saul rehwehwɛ wo akum wo. Enti mesrɛ wo hwɛ wo ho yiye anɔpa, na tena ahintawee mu baabi, na fa wo ho sie.+
5 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Yonatan sɛ: “Hwɛ! Ɔkyena yɛ ɔsram foforo,+ na ɛsɛ sɛ me ne ɔhene tena ase didi, nanso gya me kwan ma menkɔ na memfa me ho nkohintaw+ wuram nkosi da a ɛto so abiɛsa no anwummere.