1 Samuel 19:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Ɔde ne kra too ne nsam+ kokum Filistini+ no ma Yehowa de nkonimdi kɛse gyee+ Israel nyinaa. Wuhui, na wudii ahurusi. Ɛnde dɛn nti na wopɛ sɛ woyɛ mogya a edi bem bɔne, na wukum+ Dawid kwa?”+ Dwom 69:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Wɔn a wɔtan me kwa no adɔɔso sen me ti so nhwi mpo.+Wɔn a wokyi me kwa a wɔpɛ sɛ m’ano ka tom no adɔɔso.+Nea minwiae no, wɔama mahyɛ ananmu. Mmebusɛm 17:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa;+ ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.+ Mmebusɛm 18:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Yɔnkonom bi wɔ hɔ a wɔsɛe wɔn nnamfo,+ na adamfo bi nso wɔ hɔ a ɔfam ho sen onua.+
5 Ɔde ne kra too ne nsam+ kokum Filistini+ no ma Yehowa de nkonimdi kɛse gyee+ Israel nyinaa. Wuhui, na wudii ahurusi. Ɛnde dɛn nti na wopɛ sɛ woyɛ mogya a edi bem bɔne, na wukum+ Dawid kwa?”+
4 Wɔn a wɔtan me kwa no adɔɔso sen me ti so nhwi mpo.+Wɔn a wokyi me kwa a wɔpɛ sɛ m’ano ka tom no adɔɔso.+Nea minwiae no, wɔama mahyɛ ananmu.