21Akyiri yi, Dawid kɔɔ ɔsɔfo Ahimelek nkyɛn wɔ Nob.+ Bere a Ahimelek+ huu Dawid no, ne ho popoe, na obisaa no sɛ: “Dɛn nti na wo nkutoo nam na obiara nka wo ho yi?”+
2 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfo Ahimelek sɛ: “Ɔhene na wasoma me asɛm bi ho,+ na ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Mma obiara nnhu nea enti a meresoma wo ne ɛho ahyɛde a mede ama wo no ho hwee.’ Na me ne mmerante no ahyehyɛ sɛ yebehyia wɔ baabi.