Mmebusɛm 12:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Nnaadaa wɔ wɔn a wɔbɔ pɔw bɔne koma mu,+ na asomdwoe ho afotufo di ahurusi.+ Mmebusɛm 14:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 So wɔn a wodwen adwemmɔne no renyɛ akobɔfo?+ Na adɔe ne nokware wɔ hɔ ma wɔn a wodwen adwempa.+ Mmebusɛm 16:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Obubu n’aniwa de bɔ pɔw bɔne.+ Ɔwe n’ano de di bɔne. Mmebusɛm 24:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Obiara a ɔbɔ pɔw bɔne no, wɔbɛfrɛ no adwemmɔnefo hene.+