1 Samuel 19:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Ɛhɔ ara na Mikal maa Dawid faa mfɛnsere mu sii fam, na ofii adi de mmirika guanee.+ 2 Samuel 15:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Ntɛm ara na Dawid ka kyerɛɛ ne nkoa a wɔka ne ho wɔ Yerusalem no nyinaa sɛ: “Monsɔre mma yenguan,+ anyɛ saa a, yɛrennya baabi mfa mfi Absalom anim! Monka mo ho, na wanyɛ ntɛm ammɛto yɛn anyɛ yɛn bɔne bi, na wamfa nkrante ammɔ kurow yi!”+ Dwom 31:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Me de, ahopopo mu na mekae sɛ:+“Mɛsɛe afi w’ani so.”+Misu mefrɛɛ wo, na wutiee me nkotɔsrɛ nne.+
14 Ntɛm ara na Dawid ka kyerɛɛ ne nkoa a wɔka ne ho wɔ Yerusalem no nyinaa sɛ: “Monsɔre mma yenguan,+ anyɛ saa a, yɛrennya baabi mfa mfi Absalom anim! Monka mo ho, na wanyɛ ntɛm ammɛto yɛn anyɛ yɛn bɔne bi, na wamfa nkrante ammɔ kurow yi!”+