1 Samuel 24:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Hwɛ, me papa,+ hwɛ sɛ w’atade nguguso ano kura me nsam. Mitwaa w’atade nguguso ano nanso mankum wo. Hwɛ na hu sɛ bɔne+ anaa atuatew bi nni me nsam, na menyɛɛ wo bɔne, nanso wo de, woatɛw me kra pɛ sɛ wuyi fi hɔ.+ 1 Ahene 15:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 efisɛ Dawid yɛɛ nea ɛteɛ Yehowa ani so, na wannan amfi biribiara a ɔhyɛɛ no no ho ne nkwa nna nyinaa,+ gye Hitini Uria asɛm no+ nko mu. Dwom 119:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 119 Anigye ne wɔn a wɔn ho nni asɛm, wɔn kwan mu,+Na wɔnantew Yehowa mmara mu.+
11 Hwɛ, me papa,+ hwɛ sɛ w’atade nguguso ano kura me nsam. Mitwaa w’atade nguguso ano nanso mankum wo. Hwɛ na hu sɛ bɔne+ anaa atuatew bi nni me nsam, na menyɛɛ wo bɔne, nanso wo de, woatɛw me kra pɛ sɛ wuyi fi hɔ.+
5 efisɛ Dawid yɛɛ nea ɛteɛ Yehowa ani so, na wannan amfi biribiara a ɔhyɛɛ no no ho ne nkwa nna nyinaa,+ gye Hitini Uria asɛm no+ nko mu.