4 Ɛnna Dawid mmarima no keka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa reka akyerɛ wo nnɛ da yi sɛ, ‘Hwɛ! mede wo tamfo rehyɛ wo nsa,+ na nea ɛsɔ w’ani biara, fa yɛ no.’”+ Enti Dawid sɔre yɛɛ brɛoo kotwaa Saul atade nguguso ano.
23 Na Yehowa na obetua obiara ka, sɛnea obiara trenee+ ne ne nokwaredi te, efisɛ ɛnnɛ Yehowa de wo hyɛɛ me nsa, nanso mampɛ sɛ meteɛ me nsa ka nea Yehowa asra no.+