55 Bere a Saul hui sɛ Dawid refi adi akohyia Filistini no, obisaa ɔsahene Abner+ sɛ: “Abner, hena+ ba ne aberantewa yi?”+ Na Abner kae sɛ: “O ɔhene, sɛ́ wo kra te ase yi, minnim!”
8 Ɛnna asɛm a Is-Boset kae no nti Abner bo fuw+ denneennen, na ɔkae sɛ: “Meyɛ ɔkraman+ ti wɔ Yuda? Mayɛ wo papa Saul fie ne ne nuanom ne ne nnamfo paa adɔe abesi nnɛ, na minyii wo nhyɛɛ Dawid nsa, nanso nnɛ worebu me atɛn bɔne a meyɛe wɔ ɔbea ho nti.