5“‘Sɛ ɔkra+ bi te sɛ obi reka ntam,+ na ɔyɛ asɛm a asi* no ho dansefo anaasɛ ohui anaa nso onim ho biribi na wanka+ a, wayɛ bɔne na ɛsɛ sɛ ɔsoa ne bɔne.
22 Ná Eli abɔ akwakoraa posoposo, na ɔtee+ nea ne mmabarima no de reyɛ+ Israelfo no nyinaa ne sɛnea wɔne mmea a wɔsom ahyiae ntamadan no ano da+ no nyinaa.+