20Enti Israelfo nyinaa fii adi,+ na asafo no boaboaa wɔn ano te sɛ onipa biako,+ fi Dan+ kosi Beer-Seba+ ne Gilead+ asase so, na wɔkɔɔ Yehowa anim wɔ Mispa.+
22 Ɛnna Ɔhene Asa boaboaa Yuda+ nyinaa ano a wannyaw obiara, na wɔkɔsesaw abo ne nnua a na Baasa de rekyekye Rama no, na ɔde kɔkyekyee Geba+ wɔ Benyamin ne afei Mispa.+
23 Bere a asahene+ no nyinaa ne wɔn mmarima tee sɛ Babilon hene apaw Gedalia no, ntɛm ara na wɔbaa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa;+ Netania ba Ismael, ne Karea ba Yohanan, ne Netofani Tanhumet ba Seraia, ne Maakatni no ba Yaasania, ne wɔn mmarima na wɔbae.