Dwom 71:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 O Onyankopɔn, sɛ mebɔ akwakoraa na mifuw dwen mpo a, nnyaw me,+Kosi sɛ mɛka wo basa ho asɛm akyerɛ awo ntoatoaso,+Na mɛka wo kɛseyɛ ho asɛm akyerɛ nkyirimma.+ Mmebusɛm 16:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Atifi dwen, sɛ wohu no trenee kwan so a,+ ɛyɛ abotiri a ɛyɛ fɛ.+ Mmebusɛm 20:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Mmerante ahoɔfɛ ne wɔn ahoɔden,+ na nkwakoraa anuonyam ne wɔn atifi dwen.+ Yesaia 46:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Obi mpanyinyɛ mu, mete sɛnea mete;+ ne dwen mu, mɛkɔ so aturu no.+ Me ara na mɛyɛ,+ me ara na mede no bedi akɔneaba, me ara na meturu no na magye no.+
18 O Onyankopɔn, sɛ mebɔ akwakoraa na mifuw dwen mpo a, nnyaw me,+Kosi sɛ mɛka wo basa ho asɛm akyerɛ awo ntoatoaso,+Na mɛka wo kɛseyɛ ho asɛm akyerɛ nkyirimma.+
4 Obi mpanyinyɛ mu, mete sɛnea mete;+ ne dwen mu, mɛkɔ so aturu no.+ Me ara na mɛyɛ,+ me ara na mede no bedi akɔneaba, me ara na meturu no na magye no.+