1 Samuel 1:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Na ɔkaa ntam+ sɛ: “O asafo Yehowa, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu+ na wokae me,+ na wo werɛ amfi w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabarima a, ɛnde mede no bɛma Yehowa ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan renka ne ti.”+ 1 Samuel 1:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Ɛnna Eli buae sɛ: “Fa asomdwoe kɔ,+ na Israel Nyankopɔn mma wo w’abisade a wode too n’anim no.”+ Dwom 66:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Ampa Onyankopɔn atie me;+Wayɛ aso ama me mpaebɔ.+ Mateo 7:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 “Monkɔ so mmisa,+ na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mmom,+ na wobebue mo. 1 Yohane 5:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Bio nso, sɛ yenim sɛ otie biribiara a yebisa no a,+ yenim sɛ yɛn nsa bɛka nea yɛabisa no, efisɛ yɛabisa afi ne hɔ.+
11 Na ɔkaa ntam+ sɛ: “O asafo Yehowa, sɛ wohwɛ w’afenaa amanehunu+ na wokae me,+ na wo werɛ amfi w’afenaa, na woma w’afenaa ɔbabarima a, ɛnde mede no bɛma Yehowa ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan renka ne ti.”+
15 Bio nso, sɛ yenim sɛ otie biribiara a yebisa no a,+ yenim sɛ yɛn nsa bɛka nea yɛabisa no, efisɛ yɛabisa afi ne hɔ.+