1 Samuel 28:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Saul hwehwɛɛ Yehowa akyi kwan,+ nanso Yehowa ammua no;+ wamfa ɔdae+ so anaa Urim*+ so anaa adiyifo+ so. Dwom 66:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Sɛ masusuw bɔne bi me koma mu a,Anka Yehowa rentie me.+ Yesaia 1:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Sɛ motrɛw mo nsam a,+ miyi m’ani hintaw mo.+ Mo mpae dodow+ no nyinaa mintie,+ efisɛ mogya ayɛ mo nsa mãmã.+ Hesekiel 20:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 “Onipa ba, ka kyerɛ Israel mpanyimfo no sɛ, ‘Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “So mobae sɛ morebebisa m’ase?+ ‘Sɛ mete ase yi, meremma mummisa m’ase,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni.”’
6 Saul hwehwɛɛ Yehowa akyi kwan,+ nanso Yehowa ammua no;+ wamfa ɔdae+ so anaa Urim*+ so anaa adiyifo+ so.
15 Sɛ motrɛw mo nsam a,+ miyi m’ani hintaw mo.+ Mo mpae dodow+ no nyinaa mintie,+ efisɛ mogya ayɛ mo nsa mãmã.+
3 “Onipa ba, ka kyerɛ Israel mpanyimfo no sɛ, ‘Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “So mobae sɛ morebebisa m’ase?+ ‘Sɛ mete ase yi, meremma mummisa m’ase,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni.”’