14 Na ɔkyena anɔpa mmusuakuw mmusuakuw a ɛwɔ Israel nyinaa mmra mmiako mmiako, na abusuakuw a Yehowa beyi no,+ emu mmusua nso mmra mmiako mmiako. Afei abusua a Yehowa beyi no mu afie mmra mmiako mmiako. Na ofie a Yehowa beyi no mu mmarima nso mmra mmiako mmiako.
19 Na mo de, ɛnnɛ moapo mo Nyankopɔn+ a ogyee mo fii mo haw ne mo amanehunu nyinaa mu no, na moaka sɛ: “Dabi, ɔhene ara na si wɔ yɛn so.” Enti afei munnyinagyina Yehowa anim sɛnea mo mmusuakuw+ ne mo apem apem te.’”