Genesis 31:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Saa bere yi na Laban rekotwitwa ne nguan ho nhwi. Na Rahel wiaa ne papa terafim honi.+ Genesis 31:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Sɛ w’ani agyina wo papa fie na wopɛ sɛ wokɔ a, dɛn nti na woawia m’anyame?”+ 2 Ahene 23:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Afei nso adebisafo+ ne asumanfo+ ne terafim honi+ ne abosom fĩ+ ne atantanne+ a abepue Yuda asase so ne Yerusalem no, Yosia tuu ase na ama wadi mmara+ no mu nsɛm so, nea wɔakyerɛw wɔ nhoma+ a ɔsɔfo Hilkia kohui wɔ Yehowa fie hɔ+ mu no.
24 Afei nso adebisafo+ ne asumanfo+ ne terafim honi+ ne abosom fĩ+ ne atantanne+ a abepue Yuda asase so ne Yerusalem no, Yosia tuu ase na ama wadi mmara+ no mu nsɛm so, nea wɔakyerɛw wɔ nhoma+ a ɔsɔfo Hilkia kohui wɔ Yehowa fie hɔ+ mu no.