14 Afei Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: “Kyerɛw eyi wɔ nhoma no mu na ɛnyɛ nkae,+ na ma ennu Yosua asom sɛ, ‘Mɛpopa Amalekfo ma wɔrenkae wɔn bio wɔ ɔsoro ase.’”+
19 Enti sɛ wudu asase a Yehowa wo Nyankopɔn de ama wo no so na Yehowa wo Nyankopɔn ma wode wo ho fi w’atamfo a wɔatwa wo ho ahyia no nsam a,+ popa Amalek ho nkae biara fi ɔsoro ase.+ Mma wo werɛ mmfi.