Dwom 37:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Ma abufuw ntwa, na gyae bobɔne;+Mma wo bo mmfuw na woanyɛ bɔne.+ Mmebusɛm 14:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Nea ne bo nkyɛ fuw di nkwaseasɛm,+ na onipa a odwen de, wɔtan no.+ Mmebusɛm 14:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Nea ne bo kyɛ fuw no nhumu dɔɔso,+ na nea ɔpere ne ho no ani gye nkwaseasɛm ho.+ Mmebusɛm 27:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Abufuw yɛ atirimɔden, na abufuhyew+ te sɛ nsuyiri; ninkuntwe de, hena na obetumi agyina anim?+