Exodus 15:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Yehowa, tumi ahyɛ wo nsa nifa anuonyam,+Yehowa, wo nsa nifa bubu atamfo.+ Dwom 21:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Wo nsa bɛka w’atamfo nyinaa;+Wo nsa nifa na ebeso wɔn a wɔtan wo no mu. Dwom 92:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Hwɛ! O Yehowa, w’atamfo,+Hwɛ! w’atamfo de, yera na wɔbɛyera;+Amumɔyɛfo nyinaa, wɔbɛbɔ wɔn ahwete.+