Mmebusɛm 27:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Abufuw yɛ atirimɔden, na abufuhyew+ te sɛ nsuyiri; ninkuntwe de, hena na obetumi agyina anim?+ 1 Yohane 3:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Obiara a ɔtan+ ne nua no yɛ owudifo,+ na munim sɛ owudifo+ biara nni hɔ a daa nkwa te ne mu.+ 1 Yohane 4:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Sɛ obi ka sɛ: “Medɔ Onyankopɔn” na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo.+ Efisɛ nea ɔnnɔ ne nua+ a ohu no no rentumi nnɔ Onyankopɔn a onhu no.+
20 Sɛ obi ka sɛ: “Medɔ Onyankopɔn” na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo.+ Efisɛ nea ɔnnɔ ne nua+ a ohu no no rentumi nnɔ Onyankopɔn a onhu no.+