Genesis 39:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Yehowa dii Yosef akyi ma esii no yiye,+ na ne wura Egyptni no de fie hɔ hyɛɛ ne nsa. Yosua 6:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Enti Yehowa gyinaa Yosua akyi,+ na ne din trɛwee wɔ asase nyinaa so.+ 1 Samuel 10:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Na saa nsɛnkyerɛnne+ yi ba mu ma wo a, yɛ nea wubetumi biara,+ efisɛ nokware Nyankopɔn di w’akyi.+ 1 Samuel 16:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Na n’asomfo no mu biako bɛkae sɛ: “Hwɛ! Mahu Betlehemni Yese ba bi a onim bɔ yiye;+ ɔyɛ ɔbarima kokodurufo a ne ho yɛ den+ ne ɔkofo,+ onim kasa,+ na ɔyɛ ɔbarima mũ,+ na Yehowa nso di n’akyi.”+
18 Na n’asomfo no mu biako bɛkae sɛ: “Hwɛ! Mahu Betlehemni Yese ba bi a onim bɔ yiye;+ ɔyɛ ɔbarima kokodurufo a ne ho yɛ den+ ne ɔkofo,+ onim kasa,+ na ɔyɛ ɔbarima mũ,+ na Yehowa nso di n’akyi.”+