1 Samuel 18:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Na efi da no rekɔ, Saul nyaa Dawid ho adwemmɔne.+ 1 Samuel 18:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Na Saul suroo+ Dawid efisɛ na Yehowa di n’akyi,+ nso Saul de, na wafi n’akyi.+ 1 Samuel 20:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Ɛnna Saul tow peaw sɛ ɔde rewɔ no,+ na Yonatan hui sɛ ne papa asi ne bo sɛ obekum Dawid.+ Dwom 37:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Ɔdebɔneyɛfo fa ɔtreneeni ho adwemmɔne,+Na ɔtwɛre ne se gu no so.+