2 Samuel 9:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Na Dawid bisae sɛ: “Obi da so wɔ hɔ a waka Saul fie a Yonatan nti+ metumi ayɛ no adɔe+ anaa?” 2 Samuel 9:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro, na wo papa Yonatan+ nti mɛyɛ wo adɔe,+ na mɛdan wo nana Saul asase+ nyinaa ama wo, na woadidi me pon so+ daa.” 2 Samuel 9:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Enti dɔw asase no ma no, wo ne wo mma ne wo nkoa, na fa ɛso nnɔbae bra na wo wura banana fiefo nnya aduan nni. Wo wura banana Mefiboset de, obedidi me pon so daa.”+ Ná Siba wɔ mmabarima dunum ne nkoa aduonu.+ 2 Samuel 9:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na Mefiboset tenaa Yerusalem, na odidii ɔhene pon so+ daa. Ná ɔyɛ obubuafo.+
7 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro, na wo papa Yonatan+ nti mɛyɛ wo adɔe,+ na mɛdan wo nana Saul asase+ nyinaa ama wo, na woadidi me pon so+ daa.”
10 Enti dɔw asase no ma no, wo ne wo mma ne wo nkoa, na fa ɛso nnɔbae bra na wo wura banana fiefo nnya aduan nni. Wo wura banana Mefiboset de, obedidi me pon so daa.”+ Ná Siba wɔ mmabarima dunum ne nkoa aduonu.+