27 Bere a Abner san baa Hebron+ no, Yoab de no kɔɔ nkyɛn, kurow pon no mu sɛ ɔrekɔka asɛm bi akyerɛ no kokoam.+ Nanso ɔde peaw wɔɔ ne yam+ wɔ hɔ ma owui, ne nua Asahel+ mogya nti.
5 “Wo ara wunim nea Seruia ba Yoab de yɛɛ me,+ sɛ okum Israel asahene baanu, Ner ba Abner+ ne Yeter+ ba Amasa;+ ɔkaa ɔsa mu mogya+ gui asomdwoe bere mu, na ɔde ɔsa mu mogya kekaa abɔso a ɛbɔ n’asen ne mpaboa a ɛhyɛ ne nan no ho.