3 Ɔbarima no din de Nabal,+ na ne yere din de Abigail.+ Ná ne yere no nim nyansa+ yiye na ne ho nso yɛ fɛ, na ne kunu de, na n’asɛm yɛ den na ne nneyɛe nye;+ ná ɔyɛ Kaleb+ aseni.
2 Enti Yoab soma kɔɔ Tekoa+ kɔfaa ɔbea nyansafo+ bi fi hɔ bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, kofura awerɛhow ntama na yɛ wo ho sɛ obi a ɔredi awerɛhow; mfa ngo nsra,+ na yɛ sɛ ɔbea a ɔde nna pii adi obi a wawu ho awerɛhow.+