27 Na ɔhene san ka kyerɛɛ ɔsɔfo Sadok sɛ: “Wonyɛ ɔdehwɛfo+ anaa? San kɔ kurow no mu asomdwoe mu, wo ne wo ba Ahimahas ne Abiatar ba Yonatan,+ mo ne mo mma baanu no nyinaa nkɔ.
15 Akyiri yi, Husai kɔka kyerɛɛ ɔsɔfo Sadok+ ne ɔsɔfo Abiatar sɛ: “Sɛɛ ne sɛɛ na Ahitofel tuu Absalom ne Israel mpanyimfo no fo, na sɛɛ ne sɛɛ na me nso mituu no fo.