10 Ade kyee no,+ Onyankopɔn maa honhom bɔne baa Saul so,+ enti ɔyɛe sɛ odiyifo+ wɔ fie hɔ; ná Dawid de ne nsa rebɔ sanku+ sɛnea ɔyɛ kan nna no, na na peaw kura Saul nsam.+
6 Na Saul tee sɛ wɔahu baabi a Dawid ne mmarima a wɔka ne ho no wɔ. Ná Saul te Gibea, tamarisk+ dua no ase wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ kura ne peaw+ ne nsam, na ne nkoa nyinaa gyinagyina ne ho.
12 Enti Dawid faa peaw ne nsutoa no fii Saul atifi, na wosii kwan so; obiara anhu wɔn,+ na obiara nso ante wɔn nka, na obiara annyan; ná wɔn nyinaa adeda, efisɛ Yehowa na ɔma wɔdaa hatee.+