Atemmufo 6:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Midianfo yi nti, ohia fitaa kaa Israelfo no. Afei Israelfo su frɛɛ Yehowa.+ 2 Beresosɛm 28:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Ɛnna Yehowa, ne Nyankopɔn de no hyɛɛ Siria+ hene nsa+ ma odii no so nkonim, na ɔfaa nnipa bebree nnommum kɔɔ Damasko.+ Ɔde no hyɛɛ Israel hene nso nsa+ ma ɔde okunkɛse kunkum ne nkurɔfo. Yesaia 47:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Me bo fuw me man.+ Mihuraa m’agyapade ho,+ na mede wɔn hyɛɛ wo nsa.+ Nanso woanhu wɔn mmɔbɔ.+ Akwakoraa mpo womaa wo kɔndua yɛɛ duru dodo wɔ no so.+
5 Ɛnna Yehowa, ne Nyankopɔn de no hyɛɛ Siria+ hene nsa+ ma odii no so nkonim, na ɔfaa nnipa bebree nnommum kɔɔ Damasko.+ Ɔde no hyɛɛ Israel hene nso nsa+ ma ɔde okunkɛse kunkum ne nkurɔfo.
6 Me bo fuw me man.+ Mihuraa m’agyapade ho,+ na mede wɔn hyɛɛ wo nsa.+ Nanso woanhu wɔn mmɔbɔ.+ Akwakoraa mpo womaa wo kɔndua yɛɛ duru dodo wɔ no so.+