1 Beresosɛm
3 Na eyinom ne mma a wɔwo maa Dawid+ wɔ Hebron:+ n’abakan ne Amnon+ a ɔne Yesreelni+ Ahinoam+ woo no no, nea ɔto so abien ne Daniel a ɔne Karmelni+ Abigail+ woo no no, 2 nea ɔto so abiɛsa ne Absalom,+ Gesur+ hene Talmai+ babea Maaka+ ba no; nea ɔto so anan ne Hagit+ ba Adoniya,+ 3 nea ɔto so anum ne Abital+ ba Sefatia, nea ɔto so asia ne ne yere Egla+ ba Yitream. 4 Mma baasia na wɔwoo wɔn Hebron maa no; odii ade wɔ hɔ mfe ason ne asram asia, na odii ade mfe aduasa abiɛsa wɔ Yerusalem.+
5 Eyinom nso na wɔwoo wɔn maa no wɔ Yerusalem:+ Simea,+ Sobab,+ Natan+ ne Solomon;+ baanan yi na Amiel+ babea Bat-Seba+ wo maa no, 6 ne Ibhar,+ Elisama+ ne Elifelet,+ 7 Noga, Nefeg ne Yafia,+ 8 ne Elisama,+ Eliada ne Elifelet,+ wɔyɛ baakron; 9 wɔn nyinaa yɛ Dawid mma, n’ayefam mma no nka ho; wɔn nuabea ne Tamar.+
10 Solomon woo Rehoboam,+ na ɔno nso woo Abia,+ na ɔno nso woo Asa,+ na ɔno nso woo Yehosafat;+ 11 ɔno nso woo Yehoram,+ na ɔno nso woo Ahasia,+ na ɔno nso woo Yehoas;+ 12 ɔno nso woo Amasia,+ na ɔno nso woo Asaria,+ na ɔno nso woo Yotam;+ 13 ɔno nso woo Ahas,+ na ɔno nso woo Hesekia,+ na ɔno nso woo Manase;+ 14 ɔno nso woo Amon,+ na ɔno nso woo Yosia.+ 15 Yosia mma ni: n’abakan ne Yohanan, nea ɔto so abien ne Yehoiakim,+ nea ɔto so abiɛsa ne Sedekia,+ na nea ɔto so anan ne Salum. 16 Yehoiakim ba ne Yekonia,+ na ɔno nso woo Sedekia. 17 Na Yekonia mma a ɔwoo wɔn bere a na ɔyɛ deduani no ne Sealtiel,+ 18 Malkiram, Pedaia, Senasar, Yekamia, Hosama ne Nedabia. 19 Na Pedaia mma ne Serubabel+ ne Simei; Serubabel mma ne Mesulam ne Hanania (wɔn nuabea ne Selomit); 20 ne Hasuba, Ohel, Berekia, Hasadia ne Yusab-Hesed, wɔyɛ baanum. 21 Na Hanania mma ne Pelatia+ ne Yesia; Yesia mma no bi ne Refaia; Refaia mma no bi ne Arnan; Arnan mma no bi ne Obadia; Obadia mma no bi ne Sekania; 22 Sekania asefo ni: Semaia, na Semaia mma ne Hatus, Yigal, Baria, Nearia ne Safat; wɔyɛ baasia. 23 Na Nearia mma ne Elioenai, Hiskia ne Asrikam, wɔyɛ baasa. 24 Na Elioenai mma ne Hodawia, Eliasib, Pelaia, Akub, Yohanan, Delaia ne Anani, wɔyɛ baason.