2 Samuel 2:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Ɛnna Abner frɛɛ Yoab kae sɛ: “Enti nkrante bedi nam+ daa? Wunnim sɛ awerɛhow na ɛde bɛba?+ Ɛnde da bɛn na wobɛka akyerɛ nnipa no sɛ wɔnsan mfi wɔn nuanom akyi?”+ Yesaia 1:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 Na sɛ moantie+ na mosɔre tia me a, nkrante bedi mo nam; Yehowa ankasa anom asɛm ni.”+ Yeremia 2:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Mabobɔ mo mma kwa.+ Wɔannye nteɛso biara antom.+ Mo nkrante akunkum mo adiyifo te sɛ gyata a ɔsɛe ade.+ Yeremia 46:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 “Ɛda no yɛ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa da, aweredi da a ɔbɛtɔ n’atamfo so were.+ Na nkrante bedi nam na ɛbɛnom wɔn mogya amee, na Awurade Tumfoɔ,+ asafo Yehowa bɛbɔ afɔre+ atifi fam asase no so, asubɔnten Eufrate+ ho.
26 Ɛnna Abner frɛɛ Yoab kae sɛ: “Enti nkrante bedi nam+ daa? Wunnim sɛ awerɛhow na ɛde bɛba?+ Ɛnde da bɛn na wobɛka akyerɛ nnipa no sɛ wɔnsan mfi wɔn nuanom akyi?”+
30 Mabobɔ mo mma kwa.+ Wɔannye nteɛso biara antom.+ Mo nkrante akunkum mo adiyifo te sɛ gyata a ɔsɛe ade.+
10 “Ɛda no yɛ Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa da, aweredi da a ɔbɛtɔ n’atamfo so were.+ Na nkrante bedi nam na ɛbɛnom wɔn mogya amee, na Awurade Tumfoɔ,+ asafo Yehowa bɛbɔ afɔre+ atifi fam asase no so, asubɔnten Eufrate+ ho.