9 Adoniya de nguan ne anantwi ne mmoa a wɔadɔ bɔɔ afɔre+ Sohelet botan a ɛbɛn En-Rogel+ no ho, na ɔfrɛɛ ne nuanom, ahenemma no nyinaa,+ ne Yuda mmarima a wɔyɛ ɔhene nkoa no nyinaa;
19 Ɔde anantwinini ne mmoa a wɔadɔ ne nguan pii abɔ afɔre, na wafrɛfrɛ ahenemma no nyinaa+ ne ɔsɔfo Abiatar+ ne ɔsahene Yoab,+ na w’akoa Solomon de, wamfrɛ no.+
25 Ɛnnɛ wasian kɔ sɛ ɔde anantwinini ne mmoa a wɔadɔ ne nguan pii rekɔbɔ afɔre,+ na wafrɛfrɛ ahenemma no nyinaa ne asahene no ne ɔsɔfo Abiatar;+ hwɛ, wɔredidi na wɔrenom wɔ n’anim, na nea wɔreka ara ne sɛ, ‘Ɔhene Adoniya nnya nkwa!’+