16 Enti afei monsoma ntɛm nkɔka nkyerɛ Dawid+ sɛ, ‘Ntena sare so tataw no so anadwo yi, twa mmom na twa kɔ,+ anyɛ saa a wɔbɛmemene+ ɔhene ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa.’”
21 Ɛbae sɛ bere a wofi hɔ kɔe no, wofii abura no mu, na wosiim kɔka kyerɛɛ Ɔhene Dawid. Wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Monsɔre, na monyɛ ntɛm nkotwa asu no, na ɛfo+ a Ahitofel atu wɔ mo ho ni.”