9 Eduu baabi no, Absalom kopuee Dawid nkoa no anim. Saa bere no, na Absalom te afurumpɔnkɔ bi so, na afurumpɔnkɔ no kɔfaa dua kɛse bi mmaa kusuu ase, na ne ti kosoo dua kɛse no mu ma ɔsensɛn soro a ne nan nka fam,+ na afurumpɔnkɔ a ɔwɔ n’ase no sen kɔe.