Genesis 42:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 “Otumfoɔ a ɔhwɛ asase no so no poopoo n’ani kyerɛɛ yɛn,+ efisɛ na osusuw sɛ yɛyɛ akwansrafo a yɛawia yɛn ho rebɛhwɛ nea ɛwɔ asase no so.+ Mmebusɛm 15:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Mmuae bɔkɔɔ ma abufuw twa,+ na asɛm a ɛyɛ yaw hyɛ abufuw.+ Mmebusɛm 18:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Ohiani de n’adesrɛ to gua,+ na ɔdefo ma mmuae a emu yɛ den.+ Ɔsɛnkafo 10:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Onyansafo anom asɛm yɛ adom,+ na ɔkwasea ano de, ɛbɛmene no.+
30 “Otumfoɔ a ɔhwɛ asase no so no poopoo n’ani kyerɛɛ yɛn,+ efisɛ na osusuw sɛ yɛyɛ akwansrafo a yɛawia yɛn ho rebɛhwɛ nea ɛwɔ asase no so.+