8 Enti Saul sakraa+ ne ho hyɛɛ ntade foforo, na ɔne mmarima baanu siim kɔe, na wokoduu ɔbea no nkyɛn anadwo.+ Ɛnna ɔkae sɛ: “Mesrɛ wo, fa asumansɛm so yɛ nyankonne+ ma me, na ma onipa a mɛbɔ ne din akyerɛ wo no mforo mmra.”
2 Enti Yoab soma kɔɔ Tekoa+ kɔfaa ɔbea nyansafo+ bi fi hɔ bae, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Mesrɛ wo, kofura awerɛhow ntama na yɛ wo ho sɛ obi a ɔredi awerɛhow; mfa ngo nsra,+ na yɛ sɛ ɔbea a ɔde nna pii adi obi a wawu ho awerɛhow.+