Exodus 34:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Na mummubu wɔn afɔremuka ne wɔn abosom adum no, na muntwitwa wɔn abosonnua ngu.+ 2 Ahene 10:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Ɛnna woyiyii Baal fie hɔ abosom adum+ no fii adi, na wɔhyew+ ne nyinaa. 2 Ahene 13:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 (Nanso Yeroboam fie bɔne a ɔyɛe a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no de, wɔantwe wɔn ho amfi ho.+ Ɛno ara mu na wɔnantewee;+ ɔbosom dua+ no nso amfi Samaria.)
6 (Nanso Yeroboam fie bɔne a ɔyɛe a ɛmaa Israel nso yɛɛ bɔne no de, wɔantwe wɔn ho amfi ho.+ Ɛno ara mu na wɔnantewee;+ ɔbosom dua+ no nso amfi Samaria.)