26 Afei Yosua kaa ntam saa bere no sɛ: “Nnome nka obiara a ɔbɛkyekye Yeriko kurow yi wɔ Yehowa anim. Sɛ ɔto kurow no fapem a, ɔde ne ba panyin betwa so, na osisi n’apon a, ɔde ne ba kumaa betwa so.”+
14 “Ɛnnɛ merekɔ asase sofo nyinaa kwan,+ na munim mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ nsɛmpa a Yehowa mo Nyankopɔn aka akyerɛ mo no mu asɛm biako mpo ntɔɔ fam. Ne nyinaa aba mu; biako mpo ntɔɔ fam.+
6 Nanso me nsɛm ne m’ahyɛde a mede maa me nkoa adiyifo+ no amma mu wɔ mo agyanom so anaa?’+ Enti wɔsan bae na wɔkae sɛ: ‘Nea Yehowa susuw sɛ ɔde bɛyɛ yɛn,+ sɛnea yɛn akwan ne yɛn nneyɛe te no, ɛno ara na ɔde ayɛ yɛn yi.’”+