Dwom 37:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Wɔn ani renwu ahohia bere mu,+Na ɔkɔm bere mu nso, wɔbɛmee.+ Mmebusɛm 11:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Obi wɔ hɔ a ɔpete, nanso ɔkɔ so nya bebree;+ na obi nso kame ade, nanso hia ara na ehia no.+ Luka 18:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Ɔkae sɛ: “Nea ɛrentumi nyɛ yiye wɔ nnipa fam no betumi ayɛ yiye wɔ Onyankopɔn fam.”+ 2 Korintofo 9:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Na nea ɔma ogufo aba pii na ɔma nkurɔfo paanoo di+ no bɛma aba a mugu no adɔɔso, na wama mo trenee aba ayɛ bebree.)+
10 Na nea ɔma ogufo aba pii na ɔma nkurɔfo paanoo di+ no bɛma aba a mugu no adɔɔso, na wama mo trenee aba ayɛ bebree.)+