24 na ogya fi Yehowa anim+ bɛhyew ɔhyew afɔre no ne srade a ɛwɔ afɔremuka no so no. Bere a nnipa no nyinaa hui no, wɔteɛteɛɛm+ na wɔde wɔn anim butubutuw fam.
21 Afei Yehowa bɔfo no de poma a okura no ano kaa nam ne paanoo no, na ogya fi ɔbotan no mu bɛhyew nam ne paanoo no.+ Na Yehowa bɔfo no yera fii n’anim.
26 Ɛnna Dawid sii afɔremuka+ wɔ hɔ maa Yehowa, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ so. Ɔmaa ne nne so frɛɛ Yehowa+ na afei ogyee no so, na ɔtɔɔ ogya+ fi soro beguu ɔhyew afɔre no so.