34 Ɛde besi nnɛ no, wɔda so ara som sɛnea na wɔyɛ kan no.+ Wɔn mu biara ansom Yehowa,+ na n’ahyɛde ne n’atemmusɛm+ ne ne mmara+ ne mmara nsɛm+ a Yehowa de maa Yakob+ a ɔbɛfrɛɛ no Israel+ no mma nso, wɔn mu biara anni so;
48Muntie, Yakob fie, mo a mode Israel+ din ato mo ho na mufi Yuda+ asuti mu, mo a mode Yehowa din ka ntam+ na mobɔ Israel Nyankopɔn din,+ nanso ɛnyɛ nokware anaa trenee mu.+