Mmebusɛm 27:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho,+ na wunnim nea ɛda de bɛba.+ Ɔsɛnkafo 7:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Asɛm awiei ye sen ne mfiase.+ Nea ɔtɔ ne bo ase no ye sen nea ɔma ne ho so.+ Ɔsɛnkafo 8:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Obi nnim ɔkyena asɛm,+ na nea ɛbɛba no, hena na obetumi akyerɛ sɛnea ɛbɛba?