11Na ɛbae sɛ afe kɔ behyiae,+ na bere a ahene fi kɔ ɔsa+ no, Dawid somaa Yoab a ne nkoa ka ne ho ne Israel nyinaa sɛ wɔnkɔsɛe Ammonfo+ na wontwa Raba+ ho nhyia. Saa bere no, Dawid tenaa Yerusalem.
20Na ɛbae sɛ afe kɔ behyiae,+ na bere a ahene fi kɔ ɔsa no,+ Yoab dii asraafodɔm no anim+ kɔtow hyɛɛ Ammonfo asase so sɛee no, na wɔsan kɔɔ Raba+ kotwaa ho hyiae. Saa bere no, Dawid tenaa Yerusalem, na Yoab ne Raba koe+ na ɔsɛee no.
10 Na afe kɔ behyiae+ no, Ɔhene Nebukadnesar soma+ ma wɔkɔfaa no baa Babilon,+ na wɔde Yehowa fie nneɛma a ɛsom bo kaa ne ho bae.+ Na ɔde ne papa nua Sedekia+ sii Yuda ne Yerusalem so hene.+