1 Ahene 21:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Afei momma mmarima ahuhufo+ baanu+ ntena n’anim na wonni adanse ntia no+ sɛ, ‘Woadome Onyankopɔn ne ɔhene!’+ Afei momfa no mfi adi nkosiw no abo mma onwu.”+ Ɔsɛnkafo 3:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Na masan ahu owia ase sɛ wodi amumɔyɛsɛm wɔ baabi a wobu atɛn ne baabi a ɛsɛ sɛ wodi asɛntrenee.+ Amos 5:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Na minim sɛnea mo mmarato dɔɔso+ ne sɛnea mo bɔne yɛ akɛse fa,+ mo a motan ɔtreneeni,+ na mugye adanmude,+ na mupia ahiafo to nkyɛn+ wɔ kurow pon ano.+ Habakuk 1:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Eyi nti mmara asinsen na atɛntrenee mfi adi.+ Na esiane sɛ abɔnefo atwa treneefo ho ahyia nti, atɛntrenee befi adi no na akyea.+
10 Afei momma mmarima ahuhufo+ baanu+ ntena n’anim na wonni adanse ntia no+ sɛ, ‘Woadome Onyankopɔn ne ɔhene!’+ Afei momfa no mfi adi nkosiw no abo mma onwu.”+
12 Na minim sɛnea mo mmarato dɔɔso+ ne sɛnea mo bɔne yɛ akɛse fa,+ mo a motan ɔtreneeni,+ na mugye adanmude,+ na mupia ahiafo to nkyɛn+ wɔ kurow pon ano.+
4 Eyi nti mmara asinsen na atɛntrenee mfi adi.+ Na esiane sɛ abɔnefo atwa treneefo ho ahyia nti, atɛntrenee befi adi no na akyea.+