1 Beresosɛm 22:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Hwɛ, wɔbɛwo ɔbabarima+ ama wo. Ɔno de, ɔbɛyɛ ahodwo nipa, na mɛma ne ho adwo no n’atamfo a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa nsam;+ Solomon+ na wɔbɛfrɛ no, na mɛma Israel anya asomdwoe+ ne kommyɛ wɔ ne bere so. 1 Beresosɛm 28:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 (Yehowa ama me mma pii)+ na me mma nyinaa mu no, me ba Solomon+ na ɔpaw no sɛ ɔmmɛtena Yehowa ahenni agua+ a ɛwɔ Israel no so. Mmebusɛm 21:30 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 30 Nyansa ne nhumu ne afotu bi nni hɔ a ɛne Yehowa bedi asi.+ Daniel 2:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Ɔno na ɔsakra bere ne nna,+ na otu ahene si ahene,+ na ɔma anyansafo nyansa, na ɔma wɔn a wɔwɔ nhumu nso nimdeɛ.+
9 Hwɛ, wɔbɛwo ɔbabarima+ ama wo. Ɔno de, ɔbɛyɛ ahodwo nipa, na mɛma ne ho adwo no n’atamfo a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa nsam;+ Solomon+ na wɔbɛfrɛ no, na mɛma Israel anya asomdwoe+ ne kommyɛ wɔ ne bere so.
5 (Yehowa ama me mma pii)+ na me mma nyinaa mu no, me ba Solomon+ na ɔpaw no sɛ ɔmmɛtena Yehowa ahenni agua+ a ɛwɔ Israel no so.
21 Ɔno na ɔsakra bere ne nna,+ na otu ahene si ahene,+ na ɔma anyansafo nyansa, na ɔma wɔn a wɔwɔ nhumu nso nimdeɛ.+