Numeri 27:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Ɔsɔfo Eleasar anim na obegyina, na obegyina n’ananmu de Urim*+ abisa+ Yehowa hɔ ade. Sɛ ɔka sɛ wɔnkɔ a wɔbɛkɔ, na ɔka sɛ wɔmmra a wɔbɛba, ɔne Israelfo a wɔka ne ho ne asafo mũ no nyinaa.” Mmebusɛm 3:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Hu no w’akwan nyinaa mu,+ na ɔno na ɔbɛma w’akwan ateɛ.+
21 Ɔsɔfo Eleasar anim na obegyina, na obegyina n’ananmu de Urim*+ abisa+ Yehowa hɔ ade. Sɛ ɔka sɛ wɔnkɔ a wɔbɛkɔ, na ɔka sɛ wɔmmra a wɔbɛba, ɔne Israelfo a wɔka ne ho ne asafo mũ no nyinaa.”