2 Hwɛ, terafim+ ahoni ka abususɛm, na nkɔmhyɛfo hu atoro anisoade+ na dae a wɔka ho asɛm no yɛ nkontompo, na wɔde nsɛnhunu kyekye nnipa werɛ.+ Eyi nti wɔde wɔn ti bedom te sɛ nguan,+ na ɔhwɛfo+ a wonni nti, wɔn ho bɛkyere wɔn.
7 “O nkrante, sɔre bra me guanhwɛfo+ no so, ɔbarima a ɔyɛ me yɔnko+ so,” asafo Yehowa asɛm ni. “Bɔ oguanhwɛfo no+ na nguan no mmɔ nhwete,+ na mɛdan me nsa aba nkumaa+ no so.”