Exodus 20:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 “Di wo papa ne wo maame ni+ na wo nna aware wɔ asase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.+ Leviticus 19:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 “‘Sɔre wɔ dwen anim,+ na di akwakoraa ni,+ na suro wo Nyankopɔn.+ Mene Yehowa. Mmebusɛm 23:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Tie wo papa, ɔno na ɔwoo wo,+ na mmu wo maame animtiaa sɛ wayɛ aberewa nti.+